Obaa Ben Ni (Muscatella)

Muscatella, Mirinda, honey, biribiara nni hɔ a
Ne dɛ te sɛ ɔno o
Mese, m'adepa papa bi a, na ayera dadaada no
Saa na abɛpue
Atasewaa akɔnɔakɔnɔ, ka biribi kyerɛ me
Memfa m'adepa a, abɛpie ha yi
Hmm, dea mereka nyinaa na mepɛ sɛ me kyerɛ sɛ
Hwan na na ne ba bɛn nie
Anokwa mehuu no no, me yam hyee me
Bue, ɔbaa bɛn ni
Mede akokoduro kɔbisaa ne din
Ma no yii m'ano sɛ, yɛfrɛ no Nana Ama
Fa me kɔ, na menkɔ hunu w'agya fie
Mepɛ sɛ mebisa maame asɛm
Sɛ yɛkɔ na sɛ mekɔhu maame a, mɛka sɛ
Beebia a, ɔda woo wo no, ɔnda hɔ biom
Firi sɛ, ɔdɔ bi dansoa o Hwan na ne ba bɛn nie
Sɛ mehwɛ, wo suban ne wo nne a
Ampa sɛ, obi nnim a, obi kyerɛ
Mepe sɛ, kɔbisa maame sɛ
Maame sɛ, ne babaa bɛn nie
Adekyinkyin, kyinkyin, adane m'adwen
Me nsisiɛ nyinaa aka me tiri mu o
Firi sɛ, ɔbaa ahoɔfɛfoɔ te sɛ yi deɛ
Ne ho ka adeɛ a, gye sɛ sika koraa abaatan
Saa yɛhwɛ, onipa ne ne mu atɛn
Yɛ nananom kasa, ɛmu yɛ duru o
Ampa sɛ, yɛka sɛ, bankye nyɛ a, ahaa
Saa na agya na ɛbɛkyere nti
Megyeegya me ho a, anka mato me ho agu o, ho ho ho
Anka, mato me ho agu
Awareɛ mu anigyie deɛ, nka menhyia biom
Adehyeɛ ba, maka dada sɛ
Yɛnfa ahoɔfɛ nkɔ awareɛ
Nanso ɔbaa yi a, mabɛhyia yi no no
Ahoɔfɛ ne suban deɛ, ɔfa no kwa
Ɔsiesie ne ho na sɛ ɔrefira yi deɛ a
Bue, sɛ deɛ, yɛrehwɛ no ara ni
Yɛhwehwɛ sɛ ɔbɛtutu agu ne ho deɛ
Ɔfitikuro te a, na ne ho agye efiefie mu
Hmm, ɔdɔ bi dansoa o
Hwan na ne babaa nie
Yɛse, Akoa e, medan dɛ wo a o
Obi ntumi ndane me akyenkyena
Firi sɛ, ano da hɔ a, akekansɛm nti
Nea wobɛte biara, fa w'ani to fɔm
Afei, sɛsɛɛ, me nso mɛto aboa, woate
Ma no afrɛ me Daddy
Anokwa, sɛ deɛ, mereka nyinaa ba mu a
Kwadwo, mɛto ne din Nyamekyɛ
Hmm, firi sɛ, Nyankopɔn akyɛ me adeɛ o
Ɛwɔ me wiase a, mebaayɛ yi mu
Repeat Chorus till fade



Credits
Writer(s): Kwadjo Fosu
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link