Me Nya Ntaban A

Oh-oh
Hey!

Menya ntaban a
Menya ntaban a, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o, ei
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn

Ɔbaahemaa
Ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim agorɔ die ei
Obi mfrɛ no mma me o, ayee
Ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim deɛ m'akoma pɛ ei
Obi mfrɛ no mma me o

Menya ntaban a
Menya ntaban a, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn ei
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o

Oh-oh
Deɛ ohia bɛyɛ nie?
Ohia atumi atete yɛn ntam
Ama ɔdɔyɛwu da'mmabi a
Eboo, nka mese merekɔpɛ ohia ano aduro aba
Me na menam nsensan mu yi

Deɛ ohia bɛyɛ nie?
Ohia atumi atete yɛn ntam ei
Ama ɔdɔ akɔda baabi basaa, aah
Eboo, obi mmɛsen nkɔhwɛ me dɔfo yi o (sɛsɛɛ)
Wɔafɔn aka sɛ prayɛ o

Enti, menya ntaban a
Menya ntaban a, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn ei
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ anoma apatuprɛ ei
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o

Oh, oh
Ohia ku m'akɔnɔ
Ayee, ohia ama madane ɔha ei
Aboa ɔha wɔ ntaban
Nanso, ɔtu a, ɔnkɔ soro ei
Anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn

Oh-uu-oh
Ohia yɛ adambɔ, aah
Ayee, ohia aku m'akɔnɔ ei
Me nsɛmsusu bebree aka me tiri mu o
Ɔmama, na menyɛ no dɛn ni?

Akwankwaa
Akwankwaa hiani ei
Oh, agye da bi o, na mɛka m'asɛm
Ah, Akwankwaa
Akwankwa ei hiani ei
Oh, agye da bi o na mɛka m'asɛm

Akwankwaa, na mereka no sɛn ni?
Akwankwaa, na mereyɛ no deɛn ni?
Eboo, na ɛyɛ me sɛ makum akorɔma o
Boo, boo, boo, sɛɛ na mato ɔpɛtɛ tuo (pɛtɛ ei)

Akwankwaa, na mereka no sɛn ni? (Ay-ay)
Akwankwaa, na mereyɛ no deɛn ni? (Woyoo, no)
Eboo, na ɛyɛ me sɛ, makum akorɔma o (woyoyo, mama, woyoyo)
Boo, boo, boo, sɛɛ na mato ɔpɛtɛ tuo (mm-mm)

Ayee, ayee, amaneɛ o (amaneɛ o)
Baabi a, yɛde yɛn ti bɛto koraa, ɛyɛ a, na adane amaneɛ o (amaneɛ o, hey)
Akwantuo yi, ama me adane nsonsono o
Menni ani nti, mede me ti ɛrepempem o
Menam sansan, nanso mennim baabi a merekɔ, aah
Manante, manante, manante, nanso mennuru baabi merekɔ, aah
Na sɛ Nyame ammoa me na mekɔtɔ nkranne mu a
Boo, boo, boo, na mereyɛ no deɛn ni?

Akwankwaa, na mereka no sɛn ni ah?
Akwankwaa, na mereyɛ no dɛn ni o? (Oh-yo)
Eboo, na ɛyɛ me sɛ makum akorɔma o
Boo, boo, boo, sɛɛ na mato ɔpɛtɛ tuo (boo, boo-boo, boo, boo-boo)

Akwankwaa, na mereka no sɛn ni?
Akwankwaa, na mereyɛ no deɛn ni?
Eboo, na ɛyɛ me sɛ makum akorɔma o (too, too)
Boo, boo, boo, sɛɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

Ayee, mato ɔpɛtɛ tuo, ah
Ɔbaako ɛnkɔhunu nso, na worekɔka no sɛn ni o?
Na ɛyɛ me sɛ, ɛnnɛ, me nko ara na mebaa nwiram'
Me tuo aboba nso, na aka baako pɛ o
Ayee, ayee, ayee, me maame abɔ ka o

Akwankwaa, na mereka no sɛn ni? (Akwankwaa)
Akwankwaa, na mereyɛ no deɛn ni?
Eboo, na ɛyɛ me sɛ, makum akorɔma o (akorɔma o)
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

Enti, menya ntaban a
Menya ntaban a, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o ei
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ anoma ɔkɔdeɛ ei
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o

Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o (oh, yeah-yeah, yeah-yeah)
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o (oh, yeah-yeah)
Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o (yeah, yeah, yeah, yeah, yeah, yeah)
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o (mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o)
Ah (whoa, ye-le-le, woyo)
Oh (ye, le-le, ye, le-le, ye, le-le)
Ah (helele, helele, helele, helele, mama)
Oh (helele, helele, helele, helele
Ah



Credits
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link