Adom

Ɛna Maria ka sɛ
Me kra kamfo Awurade
Na m'agyenkwa Nyankopɔn ho
Na me honhom ho asane no
Ɛfiri sɛ W'abɛhwɛ abaawa wɔ ɔhia asetena
Ɛfiti ɛnnɛ de rekɔ
Awoɔ ntoatoaso nyinaa
Bɛfrɛ me nhyira

Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo (Adom bi na ma mete ase)
Nyame adom, Nyame adom nkoaa (Adom bi na ma mete ase)

Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo
Nyame adom nkoaa
Ɛno na ɛma mete ase
Ɛnyɛ Nyame adom a anka mefiri hen fa
Mɛkasa ɛyɛ Nyame adom
Me nhoahoa me ho wɔ deɛ metumi yɛ ho (N'adom na ayɛ me sei yie)
Nyame adom, Nyame adom nkoaa (Ɛno ara na ayɛ me sei yie)

Adaeɛso bi m'afa mu paa
Yikyerɛ ahodoɔ afa m'ani so
Ahokyerɛ ahodoɔ m'akɔ mu paa
Amanneɛ ɛto me naa no
Ɛnyɛ Nyame ahummɔbrɔ anka me fa mpo adwodwo
Mɛka sɛ ɛyɛ Nyame adom
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho (N'adom na ayɛ me sei yie)

Adom na mete aseɛ
Adom mu na mekeka me ho
Adom na de mekɔ na de meba
Adom mu na meyɛ m'adeɛ nyinaa
Ɛnyɛ Nyame adom anka mente aseɛ
Adom oo, Adom oo
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho (Efiri sɛ N'adom na ayɛ me sei yie)

Adom ma ɔbɔnyini awo ba
Adom ma ɔdeda mfikyire aba fie
Adom ama ohiani ayɛ ɔdefoɔ
Adom ama ɔwerɛhoni anya anigyeɛ
Ɛnyɛ Nyame adom anka me deɛ mefiri hen fa
Mɛka sɛ ɛyɛ Nyame adom oo
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho (N'adom na ayɛ me sei yie)

Metumi kɔ tumi ba
Ɛyɛ Nyame adom
M'adagya so akata
Ɛyɛ Nyame adom
Menya medi nya bi kyɛ
Ɛyɛ Nyame adom
M'anya baabi ada
Ɛyɛ Nyame adom

Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ ho
Adom na ayɛ me sei yie
Nyame adom w'ate (N'adom na ayɛ me sei yie)
Nyame adom oo, Nyame adom nkoaa (Ɛno ara na ayɛ me sei yie)

Mmɔbrɔni a ɔte sɛ me
Atetekwa mennim baabi
Frɛtɔ ni a ɛte sɛ me
Adwoa deɛ mefiri hen fa ni
Adom firi so abɛdom me ba deɛ a
Mɛka sɛ ɛyɛ Nyame adom
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho (Efiri sɛ N'adom na ayɛ me sei yie)

Ɛboɔ dantofoɔ ato atwene
Ɛbɛyɛ twease boɔ titiri bi no
Eii, sumina aso adeɛ paa
Atumi apue badwam

Ɛnyɛ Nyame adom anka me deɛ meyɛ dɛn ni
Wei nyinaa yɛ Nyame adom
Mɛkaekae deɛ Ɔdomfoɔ Nyame ayɛ me daa (N'adom na ayɛ me sei yie)

Nyame adom, Nyame adom nkoaa (Ɛno ara na ayɛ me sei yie)
Nyame adom, Nyame adom (Adom bi na ayɛ me sei yie)
Nyame adom, Nyame adom nkoaa (Ɛno ara na ayɛ me sei yie)
Nyame adom (N'adom na ayɛ me sei yie)
Nyame adom, Nyame adom nkoaa (Ɛno ara na ayɛ me sei yie)



Credits
Writer(s): Kwadjo Fosu
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link