Me Nya Ntaban

Ooh oooooh
Hey

Menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn

Ɔbaahemaa
Ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim agorɔ die
Obi nfrɛ no mma me o, ayee
Ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim deɛ m'akoma pɛ e
Obi nfrɛ no mma me o ae

Menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o

Oh, deɛ ohia bɛyɛ ni
Ohia ɛtumi atete yɛn ntam
Ama ɔdɔ yɛwu daamabi a
Ebuoo, mese, merekɔpɛ ohia ano aduro aba
Me na menam asuensuan ni

Oh, deɛ ohia bɛyɛ ni
Ohia ɛtumi atete yɛn ntam
Ama ɔdɔ yɛwu akɔda baabi basaa a
Ebuoo, obi mmɛsen nkɔhwɛ me dɔfo yi o
Wɔafɔn aka sɛ prayɛ o

Ɛnti, menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ anoma kwatubrɛ e
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn

Oh, oh, ohia ku m'akɔn
Ayee, ohia ama madane ɔha e
Aboa ɔha wɔ ntaban
Nanso, ɔtu a, ɔnkɔ soro e
Anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn

Oh, ohia yɛ adamb
Ohia ɛku me akɔn
Me nsam susu bebree, aka me tiri mu
Ɔmama, na menyɛ no dɛn ni

Akwankwa, akwankwa nyɛ aniha e
Oh, agye daabi o, na mɛka m'asɛm
Ah, akwankwa, akwankwa nyɛ aniha e
Oh, agye daabi o, na mɛka m'asɛm

Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

Ayee, ayee, amanneɛ o
Baabi a, yɛde yɛ ti bɛto koraa, ɛyɛ a, na adane amanneɛ o
Akwantuo yi, ama me adane nsonsono o
Menni ani nti, mede me ti ɛrepempem o
Menam sansan nanso mennim baabi a, merekɔ a
Manante, manante, manante, nanso mennuru baabi merekɔ a
Na sɛ Nyame ammoa me na mekɔtɔ nkranne mu a
Buo, buo, buo, na mereyɛ no dɛn ni

Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

Akwankwa na mereka no sɛn ni a
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni o
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

Ayee, mato ɔpɛtɛ tuo a
Ɔbaako ara nkunu nso, na merekɔka no sɛn ni o
Na ɛyɛ me sɛ, ɛna me nko ammɔ ahwam
Me tuo abɔ ba nso na aka baako pɛ o
Ayee, ayee, ayee, me na mabɔ ka o

Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

Enti, menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ anoma ɔkɔdeɛ e
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn

Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o

Aah
Ooh
Aah
Ooh
Aah



Credits
Writer(s): Kojo Antwi, Sonti Ndebele
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link