Wo Kae

Sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo
Na yɛdi a na yɛada na yɛasɔre na yɛnnwene hwee
Na wokae mmerɛ bi a me ne wo
Ne obiara nni asie sɛ wokae na yɛnpere hwee
Sɛ wokae mmerɛ bi a Kyekye-kule baaso a na ɔma obiara sere sere
Na wokae mmerɛ bi a Maame Dɔkono ne Rokoto ma yɛn sua ade
Sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo Cantata hyɛ aseɛ a na obiara atenase
Na wokae mmerɛ bi a me ne wo
Buronya duru so a yɛahyɛ buronya ataade
Sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo
Paapa di na ɛka a na wafrɛ yɛn ma yɛakɔ gye
Na wokae mmerɛ bi a anadwo
Naana ne yɛn hyia to anansesɛm
Nansa yi deɛ

Mekɔhwɛ sɛ abele wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwa mu o na mante
Mekɔhwɛ sɛ atwomɔ wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwamu o na mante
Mekɔhwɛ sɛ asana wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwa mu o na mante
Mekɔhwɛ sɛ abele wura no adru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwa mu o na mante

Sɛ wo kae mmerɛ bi a me ne wo
Panin de panin na yɛ nom gu yɛn yɛm
Na wo kae mmerɛ bi a me ne wo
Maame de ayie ase aduane ɛbrɛ yɛn
Sɛ wo kae mmerɛ bi a me ne wo
Obi kyɛ yɛn sika a maame agye afiri yɛn sɛm
Na wo ka mrɛ bi a me ne wo
Yɛ k kyin kyini na yɛ ba a yɛntumi nwura dɛm
Sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo
Odeeshi mma teacher abaa no ntumi nyɛ yɛn hwii
Na wo kae mrɛ bi a me ne wo
Yɛ soma yɛn tɔ ade a na yɛn wrɛ nyinaara afiri
Sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo
Yɛ dware abɔnten na obiara ngwene hwee
Na wokae mrɛ bi a mene wo
Yɛ yɛ maame ne paapa nanso nansa yi deɛ

Mekɔhwɛ sɛ abele wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwa mu o na mante
Mekɔhwɛ sɛ atwomɔ wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwamu o na mante
Mekɔhwɛ sɛ asana wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwa mu o na mante
Mekɔhwɛ sɛ abele wura no adru a yɛsee wabɛtwa mu oo
Yɛsee wabɛtwa mu o na mante
Kulukulu baaye abele kulukulu baaye abele
Kulukulu



Credits
Writer(s): Kwabena Appiah
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link