Brɛ ne Nisuo

Maame ka yɛ sɛ abrabɔ nyɛ amirikatuo
Na nanteɛ a me nante yi, obia nka me ho oh
Din na meyɛ a, ɔmo fa no sɛ mesuro
Nnɔma wei ɛhyɛ den, brɛ ne nisuo

Asɛ seisei mebɔ bra no koraa a, menkɔ manim
Ei Awurade nti bra na yɛbɛ bɔ koraa no ni?
Asɛ amanehunu, brɛ ne hia no, nyɛ adeɛ a ɛsi
Anibrɛ, ɔtan, ahomasuɔ ɛne deɛ ka ho, meyi me kora no fri mu
Ɔmo fa no sɛ magyemi, me kosɛ kosɛ nyinaa hyɛ me tiri mu
Kwan bia ɔmo pɛ sɛ yɛ fa so no, mɛ si mu
Mamia mani, menfa ho deɛ si manim
Medua hɔ tim tim
Deɛ angyina papa bia deɛ bɛ fri mekwan mu
Ɛbɛ yira mu, nkyene a ɛda nkwan mu

Maame ka yɛ sɛ abrabɔ nyɛ amirikatuo
Na nanteɛ a me nante yi, obia nka me ho oh
Din na meyɛ a, ɔmo fa no sɛ mesuro
Nnɔma wei ɛhyɛ den, brɛ ne nisuo
Maame ka yɛ sɛ abrabɔ, nyɛ amirikatuo
Na nanteɛ a me nante yi, obia nka me ho oh
Din na meyɛ a, ɔmo fa no sɛ mesuro
Wani abri sɛ medeɛ yi a, nka wo su nisuo

Yɛnfa no sɛ, nka deɛ ato me nyina yi, menti aseɛ
Deɛ Nyame di bɛba bia, ɛyɛ naseɛ na me wɔ ɛma no
Ɔnim awieyɛ fri ahyaseɛ, ɛyɛ a bɔ nabaso
Ɔnoa na mani da ne so, nka medi mani to mo so deɛ a nka animgwaseɛ na ɛbɛ to me
Wo na wo seɛ sɛ wo fa meho
Nti ɛbɛ yɛ dɛn na wafa meho wabra wahu sɛ me brɛ
Metwa mani na wayira, wɔ mmrɛ na yɛ kwan no mu ɛba bakyɛ
Ɛbɛ yɛ dɛn paa na medi akyɛ

Maame ka yɛ sɛ abrabɔ nyɛ amirikatuo
Na nanteɛ a me nante yi, obia nka me ho oh
Din na meyɛ a, ɔmo fa no sɛ mesuro
Nnɔma wei ɛhyɛ den, brɛ ne nisuo
Maame ka yɛ sɛ abrabɔ, nyɛ amirikatuo
Na nanteɛ a me nante yi, obia nka me ho oh
Din na meyɛ a, ɔmo fa no sɛ mesuro
Wani abri sɛ medeɛ yi a, nka wo su nisuo

Nsɛm no ɔmo ayɛ no komsi komsa
Asɛ menkai mmerɛ a mendi kɔm da
Deɛ ɔmo di bayɛ no, ma conquer
Makyini, adwene, ma wonder/wander
Meyɛ a na me kai kai deɛ asi
Paa Kwasi wɔ ha a nka menma no ndi makyi
Na wa kɔtɔ asɛm mu, ɔni asumasi
Deɛ mewɔ mu yi deɛ, yɛnfa ɛnkɔ akyi
Nso menhwɛ ɛnma me maame brɛ nyɛ kwa
Obi hall mu, tokuro bi mu na nayɛ da
Nisuo ba mani ase sɛ me kai Moda a
Mentumi ɛnyɛ yie ɛngya mabusua hɔ da
Na deɛ mafa mu, ɔmo nkoa na ɛbi te ase
Deɛ ɔbɛn me deɛ nya meho adaagye
Nnɔma pii nɛ ha me, fri me mɔfrase
Ɛno na hyɛ me nkuran ɛma metumi yɛ ade



Credits
Writer(s): William Diawuoh
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link