Onipa Tiafo - Live

Dɛn na menyɛ wo onipa?
Mmoadoma mpo mehwɛ wↄnso
Anka wo a mebↄↄ wo me nsɛ so
Dɛn nti biribi hia wo?

Onipa tiafo, woabↄ me so ko
Onipa, menyɛ wo dɛn?
Nyame na ↄse, wo de gye me di
Onipa kae me ɛ

Dɛn na menka nky'rɛ Dasani
Mebↄↄ wo, na mesan gyee wo
Womma eyi mpo nsom wo bo
Nanso wotan wo bↄfoɛ

Onipa tiafo, woabↄ me so ko
Onipa, menyɛ wo dɛn?
Nyame na ↄse, wo de gye me di
Onipa kae me ɛ

Wiase yi nni wↄ wo ne me
Ↄdↄ nti ma mebↄↄ wo
Meremma no sɛ Oguamma bio
Mɛba no anibere so

Metoo asase yi fapem
Onipa, Na wowↄ he?
Mebↄↄ nnua ne nsuo no
Na woyɛ dↄte mu dↄte

Onipa tiafo, woabↄ me so ko
Onipa, menyɛ wo dɛn?
Nyame na ↄse, wo de gye me di
Onipa kae me ɛ

Mabrɛ wo dodo, onipa
Medi wo ho abooboo
Meka no me koma mu sɛ
Manu me ho sɛ mebↄↄ wo

Onipa tiafo, woabↄ me so ko
Onipa, menyɛ wo dɛn?
Nyame na ↄse, wo de gye me di
Onipa kae me ɛ

Nanso Medɔ wo onipa
Wo wuo nyɛ Me fɛ
Wotie Me nne a Mɛgye wo
Mɛyɛ wo awaawaatuu

Onipa tiafo, woabↄ me so ko
Onipa, menyɛ wo dɛn?
Nyame na ↄse, wo de gye me di
Onipa kae me ɛ

Onipa tiafo, woabↄ me so ko
Onipa, menyɛ wo dɛn?
Nyame na ↄse, wo de gye me di
Onipa kae me ɛ



Credits
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link