Onyame Ye Mobrohunufo

Me Nyame yɛ mobrohunufoɔ
Me Nyame yɛ Onwawani
Onyame deɛ, Ɔyɛ nokwarefoɔ nti
Nsɛm a woakan biara, ɛba mu

Me Nyame yɛ mobrohunufoɔ
Me Nyame yɛ Onwawani
Onyame deɛ, Ɔyɛ nokwarefoɔ nti
Nsɛm a woakan biara, ɛba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Onyame yɛ onokwafoɔ nti
Ɔno na Ɔhyɛ a, egyina
Onyame nko ara na ɔkasa ma nnipa bu
Ɛno nti na ɔkan wɔ n'asɛm mu sɛ
Obaa biara benyinsɛm
Nanso ne bosome nkron mu na ɔbɛwoɔ
Onyame asɛm yɛ nokware nti
Obaa biara nyinsɛn wɔ bosome nkron

Nti asɛm papa biara
Awurade akan afa me ho no
Ɛbɛba mu ansa na m'afuru wiase yi mu
Nanso ɛbɛba mu a egyina me ara me so
Sɛ entumi mma mu nso egyina me so woate

Onyankopɔn mpɛ bɔne
Medeɛ ne sɛ, mɛyɛ nea ɛtene
Na m'agye Onyankopɔn anum asɛm adie
Na me de aniɛden ne anibre abɔ mpae
Efiri Yohane pɛn so
Debesi ɛnɛ mmerɛ yi mu
Ayɛ osoro ahennie no anibre so
Na nea n'ani abre no
Bɛfa no anieɛdenso

Onyame yɛ omobrohufoɔ nti
Ɔse ɔbɛma yɛn asetena pa ne awieeɛ pa
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no nso ɛbɛ ba mu

Onyame yɛ onokwafoɔ nti
Ɔno na Ɔhyɛ a, egyina
Onyame nko ara na ɔkasa ma nnipa bu
Ɛno nti na ɔkan wɔ n'asɛm mu sɛ
Obaa biara benyinsɛm
Nanso ne bosome nkron mu na ɔbɛwoɔ
Onyame asɛm yɛ nokware nti
Obaa biara nyinsɛn wɔ bosome nkron

Asɛm papa biara
Awurade akan afa wo ho no
Ɛbɛba mu ansa na woafiri wiase yi mu
Ɛbɛba mu a egyina wo so
Entumi mma mu nso egyina wo so woate

Onyankopɔn mpɛ bɔne
Wo deɛ ne sɛ, wobɛyɛ nea ɛtene
Na wobɛgye Onyankopɔn anum asɛm adie
Na wo de aniɛden ne anibre abɔ mpae
Efiri Yohane pɛn so
Debesi ɛnɛ mmerɛ yi mu
Ayɛ osoro ahennie no anibre so
Na nea n'ani abre no
Bɛfa no anieɛdenso

Onyame yɛ omobrohufoɔ
Ɔse ɔbɛma yɛn asetena pa ne awieeɛ pa
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no nso ɛbɛ ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Awurade deɛ N'aso ɛbue o
Ama ne mma mpaebɔ
Me Nyankopɔn no N'aso ɛbue o
Ama treneefoɔ mpaebɔ woate?
Me nua eh, ɛyaa te Onyankopɔn ase
Na gye Onyame anim asɛm di
Wosɔre a bɔ mpaeɛ
Na kan wonsɛm nyinaa kyerɛ Nyame

Sɛ ɛyɛ awaresɛm a an kyerɛ no
Sɛ ɛyɛ sikasɛm nso a kan kyerɛ no
Adwuma no nso ɛyaa kan kyerɛ no
Akwantuo ho nsɛm nso a, saa ara
Sɛ ɛyɛ awoɔ asɛm nso a, ɛno nso ɛyaa kan kyerɛ no o
Wodeɛ woakoma mu asɛm nyinaa
Kan kyerɛ Onyame o

Onyame yɛ mobrohunufoɔ
Nti asɛm a woakan akyerɛ no no ɔbɛyɛ
Onyame yɛ nokwafoɔ enti no
Nea woate no nso ɛbɛ ba mu
Onyame deɛ n'aso ɛbuɛ o
Ama treneefoɔ mpaebɔ
Menyankopɔn no n'aso ɛbue
Ama ne mma mpaebɔ

Sɛ ɛyɛ awaresɛm a an kyerɛ no
Sɛ ɛyɛ sikasɛm nso a kan kyerɛ no
Adwuma no nso ɛyaa kan kyerɛ no
Akwantuo ho nsɛm nso a, saa ara
Sɛ ɛyɛ awoɔ asɛm nso a, ɛno nso ɛyaa kan kyerɛ no o
Wodeɛ woakoma mu asɛm nyinaa
Kan kyerɛ Onyame o

Onyame yɛ mobrohunufoɔ
Nti asɛm a woakan akyerɛ no no ɔbɛyɛ
Onyame yɛ nokwafoɔ enti no
Nea woate no nso ɛbɛ ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ Onwawani
Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ nti
Asɛm a woakan no
Ne nyinaa ba mu

Oyɛ omobrohufoɔ o
Onyame yɛ



Credits
Writer(s): Florence Obinim
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link