Na Anka Ebeye Den

Eh, oh
Eh, oh
Eh, oh
Eh

Uuu-uuu, uuu-uuu
Na anka ɛbɛyɛ deɛn?
Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Ah)
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?

Uuu-uuu, uuu-uuu, uuu
Na anka ɛbɛyɛ deɛn?
Wue-wue, wue-wue
Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Agyei!)
Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?

Woresu na mereyɛ oooo (uuu)
Woresu na mereyɛ aah (uuu, uuu)
Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
W'ani abere wo ho koraa no, na meredɔ no more (uuu)
Woreka no koraa no, na meredɔ no more, more (uuu-uuu)
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Wue-wue, wue-wue, wue-wue
Yeah

Ɔbaa a mepɛ no ara na manya no yi aah
Saa 'baa yi ara na mɛware no aah
Neɛ ɔnte aseɛ nkɔ wu o, yo, yo
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Ewiase mu, hwan na ɛmpɛ adepa?
Ɔbaa pa sei deɛ, hwan na ɛbɛnya?
Ne ho ɔ'fɛ nso ɔbu adeɛ o
Mese mente ne ho gyae o

Adeɛ a mepɛ nso na mepɛ o
Mentumi nyɛ ho akwadworɔ da
Me yere wei ara na mereware no awu o
Obi abaayewa abanaba ei
Mese girl wei ara na mɛware no
Neɛ ɔnte aseɛ pɛ a, ɔnkɔ nkɔwu ɛ
Na anka ɛbɛyɛ deɛn a?
Woresu koraa, na meredɔ no more

Sɛ mewɔ sika a, nka mɛsi dan akyɛ no o
Menya sika a, mɛtɔ ntoma pa ama no aah
Wei na wonte aseɛ a, twa wo yam ɛ
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Naa Akyaa ara aah na medɔ no o
Obaa Aggie ahoɔfɛdua ei
Ne suban pa nti na mereware no ei
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya

Woka yɛn dɔ yi ho asɛm deɛ a, na meredɔ no more
Woreka no koraa no na meredɔ no more, more
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Wue-wue, wue-wue, wue-wue
Yeah

Obi abaayewa, manya me kunu, na adeɛn?
Manya me barim' pa na momma m'aso mu nnwo me
Barima ɛ'na se ɔne me bɛwu a
Me nso so mate aka ne so o
Ewiase yi mu, obi dɔ nyɛ obi dɔ nti no
Ɔno ara na mese medɔ no a, momma mendɔ no ɛ
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya aah?
Woresu koraa na meredɔ no more

Obi dɔ obi a, mese obi nte aseɛ aah
Mese barima wei ara na mepɛ aah
Ɔnni bi nte na yɛnyɛ deɛn?
Ɔdɔ, ɛnnim sika o
Bechem Akyaa se 'yɛ a momma n'aso mu nnwo no
Moma n'asom' dwo no a, na woama ne ho nso atɔ no
Ɛmfa no nyɛ tweapea ntena wo fie
Ɛnwe no anɔpa, awia ne anwummerɛ o

Na adeɛ ɛ'dɛ se ɔne me bɛwu a
Boo, boo, boo, me nso me ne no bɛwu aah
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Owoahene Acheampong ara aah na medɔ no

Enti neɛ obi bɛka biara, menteeɛ o
Iron Boy, abanaba ei
Ɔni awo no ama me a
Mese, manhu no a, meda a ɛnna o
Na wo nso-so-so-so-so-so se me ne no nnyae
Merennyae, na menkɔwe aduaba bɛn aba aah?
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?

Woka yɛ dɔ yi ho asɛm a, na meredɔ no more
Woreka no koraa no na meredɔ no more, more
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei

Ei, oh
Ei, oh
Ei, oh
Ei

Nana, m'adwuma a mereyɛ yi yɛ Onyame ama, wae
Me nnwomtoɔ yi, mansua no baabi ara
Ɛyɛ akyɛdeɛ a, Nana Onyame de kyɛɛ me o
Enti wotan me ho a, wotan me kwa o
Woto me tuo a, wosɛe w'akoraboɔ, wae
Efiri sɛ, deɛ Onyame ahyira no no na Wahyira no, wae
Ɔtamfo ntumi nsɛe no
Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ o

Ɛkaa obi nko ara, na anka mawu
Ɛkaa obi nko ara, na anka masɛe
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Wosu koraa a, me ara na merekorɔ

Nana, na meka a, na against adwa
Nana, nanso m'adɔfo ti a, na yɛn ani agye o
Sɛ wo na wɔnnɔ me a, obi dɔ me, wae
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?

Yie ei
Me ne wo ara na ɛyɛ adwuma baako
Na ɛkaa wo nko, na me deɛ, me deɛ nsɛe
Nana Nyame nso mpɛ w'adwene bɔne nti
Wahyirahyira me ama no akɔ wo ho

Afei na wohu me a, na wo yam
Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ o
Wote me din a, na wo yam gye wo hyew
Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ aah
Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ o
Ɔpɛmesɛeɛ ei, wobɛbrɛ aah
Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Wotwe wo mu koraa a, Nana ara aah na ɛrekorɔ

Ama Amponsah wɔ hene aah?
Ampaame Broni na merefrɛ no aah
Charlie Pee Ahoɔfɛdua
Kumasi Krofuom, na wowɔ o
Ɔyɔnko pa, Mike ei
Hamburg abɔnten na ɔwɔ a
Asante Ahenkuro na ɔfiri
Mike se, "Nka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?"
Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei

Na anka ɛbɛyɛ deɛn? (Agyei!)
Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Aah)
Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei

Na anka ɛbɛyɛ deɛn?
Uuu-uuu, uuu-uuu
Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Agyei!)
Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?

Woresu na mereyɛ o (uuu)
Woresu na mereyɛ aah (uuu, uuh)
Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
W'ani abre wo ho koraa no, na meredɔ no more
Woreka no koraa no na meredɔ no more, more
Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya
Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei

Na anka ɛbɛyɛ deɛn? (Yie ei!)
Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Aah)
Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Uuu-uuu, uuu-uuu

Na anka ɛbɛyɛ deɛn?
Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei
Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Agyei!)
Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?



Credits
Writer(s): Kwadjo Fosu
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link