Amirika feat Nana Yaa

Uuh uuh ɔdɔ e, ɔdɔ mu gu ahodoɔ o, ɔdɔ mu gu ahodoɔ o
Ɛbi deɛ yɛ sika dɔ, ebi deɛ yɛ ahoɔfɛ dɔ
Me dɔ yɛ ɔdɔ kan ɛnti sɔ m'akoma mu dɛkyɛdɛkyɛ te sɛ ahwehwɛ
Mfitiaseɛ no dɛdɛɛdɛ, ɛnkɔwie akyiri no yayaaya
Ɛno deɛ mempɛ o
Obi adane Mr. otua na obi nso tɛ akyiri ɛɛtwe current
Ɛno nso yɛ asisie o, girl
Na sɛ mede m'akoma nyinaa ma wo a
Na woyɛ wo ho kɔnɔngo kaya a
Wo a, wonsoa ɛna womma obi nso nsoa
Ɛneɛ na me nso, meyɛ me ho Michael Jackson
Uuh girl, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o Mfitiaseɛ no yɛ anyigye, ɛnkɔwie akyiri no na anyinya
Ɛno deɛ mempɛ o
Yɛhu wo foforɔ no na yɛde wo ɛgye nkyea
Nkɔwie akyiri na yaka wo ahyɛ ɛdan mu
Ɛno yɛ asisie o, boy
Na sɛ meyɛ w'asɛdeɛ nyinaa ma wo a
Na won so woyɛ wo ho casanova
Ɛnnɛ Adwoa, ɔkyena Akosua
Ɛneɛ na mɛyɛ me ho Marion Jones
Uuh boy, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o 2x
Uuh girl, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o Uuh boy, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o Amirika Wogyegye me so a, mɛma wo ahomeka
Woto wo nsa bɔ me a, ɛbɛdane ɔkwaduo amirika
M'akyi nfuturo nkoaa na wobɛhunu, ɔdɔ e
Wogo wo ho te sɛ agyinamoa ya sɔ na so a
Ɔbaahemaa ɛno deɛ, mɛma wo ahomeka
Na sɛ wodane ɔsebɔ deɛ a, ɔkwaduo amirika
M'akyi nfuturo nkoaa na wobɛhunu o
Repeat 2x
Ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o (till fade)



Credits
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link