Obaatanpa

M'akoma redi ahurusie
Awurade aboa me o
Ɔbɔnefoɔ tedua mu abubu ama m'anisuo nyinaa adane m'anigyeɛ
Awurade na ɔma
Ɔno ara na ɔgye o
Ɔwɔ mmerɛ de ma ɔdasani biara
Sɛ wo mmerɛ mmaaeɛ a to wo bo ase o onua (mmm)

Ɔyɛ mpaebo tiefoɔ o
Ɔhunu onnibie mmɔbɔ
Sɛ wo bɛfiri bɔne mu ayɛ papa a
Nka wo bɛhunu sɛ yɛn Nyame te ase
Mahwehwɛ mu afiri me mmɔfra ase
Ɛde abeduru me mpanin mfie so
Adeɛ baako na menhunuu da ne sɛ
Me Nyankopɔn so di hwammɔ wai

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

W'akoa m'aseda ni o
Woama me honhom asane no
Awurade ayi me afiri ohia mu ama nnipa nyinaa frɛ me nhyira ba.
Ma mento m'Awurade ho nnwom na ne tumi boro tumi nyinaa so
Apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo nyinaa ara
Yesu aka wɔn agu po bunu no mu

Woatene wo nsa w'adɔeɛ mu
Woako agye wo man
Ewiase nyinaa bɛte ahunu sɛ woansi dan no a ɔdansifoɔ ye kwa oo
Wo bɔhyɛ no anya aba mu Awurade
Yɛnsom wo ehunu mu biom wai
Yɛbɛyere yɛn ho asom wo nokware mu
Ama wakyerɛ yɛn asomdwoeɛ kwan no

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Nhyira nka wo yɛn Nyankopɔn
Agya woako agye wo man yi
Wo ne yɛn agyanom pam apam bi na woama no aba mu
Yɛn nkyirimma yi mmerɛ so.
Awurade eh ne y'ahoɔden
Ɔno ara ne yɛn twitwagyefoɔ
Ɔde nnwom foforɔ bi ahyɛ y'ano nnɛ
Yɛn Nyankopɔn dɔm barima no

Yie yie yie watu adebɔneyɛfoɔ adeɛ so
Na wahunu ahiafoɔ mmɔbɔ
Ɔhyɛ deɛ ɛkɔm de n'afuru mu
Ama atirimuodenfoɔ ahunu amane
Hwan koraa na ɔne wo sɛ Israel ɔkronkron ni eh
Wo nsa ano nnwuma kyerɛ sɛ
Obiara nni hɔ a ɔne wo sɛ Awurade

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
(Woama m'anisuo) oh (adane m'anigyeɛ)
Onyame nhyira mo

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Shu shu-bi-du-doo
Shu-shu shu-bi-du-doo
Shu shu-bi-du-doo
Shu-bi-du-bi-doo-doo

Shu (jam) shu- (jam) bi-du-doo (jam)
Shu (jam) shu shu- (jam) bi-du-doo (jam)
Shu (jam) shu- (jam) bi-du-doo (jam)
Shu- (jam) bi-du- (jam) bi-doo-doo (jam, jam, jam)

Ɔbaatan pa (jam) eh w'ayɛyie (jam) ni o (jam)
Me Nyame eh (jam) woama (jam) masere (jam)
Ɔhen kɛse eh (jam) w'ayɛyie (jam) ni o (jam)
Woama (jam) m'ani- (jam) suo (jam) adane (jam) m'anigyeɛ (jam)

Ɔbaatan pa (jam) eh w'ayɛyie (jam) ni o (jam)
Me Nyame eh (jam) woama (jam) masere (jam)
Ɔhen kɛse eh (jam) w'ayɛyie (jam) ni o (jam)
Woama (jam) m'ani- (jam) suo (jam) adane (jam) m'anigyeɛ (jam)
Jam, jam, jam, jam, jam, jam, jam, jam, jam,
Shu- (jam) bi-du- (jam) bi-doo-doo (jam, jam, jam)

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o
Me Nyame eh woama masere
Ɔhen kɛse eh w'ayɛyie ni o
Woama m'anisuo adane m'anigyeɛ

Ɔbaatan pa eh w'ayɛyie ni o



Credits
Writer(s): Kwadjo Fosu
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link