Bue Kwan Ma Me

Awurade ei bue kwan ma me
Osoro boafoɔ ei bue kwan ma me
Me Nyankopɔn ei me hwɛ wo
Awurade ma kwan bue
Awurade ei bue kwan ma me
Osoro boafoɔ ei bue kwan ma me
Me Nyankopɔn ei me hwɛ wo
Awurade ma kwan bue

Agya bue kwan
Ma nipa nyinaa nhu na wɔnka sɛ
Onyame ne me adi no yiye
Agya bue kwan
Ma aso nyinaa nye na wɔnka sɛ
Onyame ne me adi no yiye

Agya me de me haw aba w'anim
Sɛ wo ne ɔkwanta bisa no oh
Na me yera nkwanta me bisa wo ah
Me Nyankopɔn me haw yi mene me
Me Nyankopɔn m'amaneɛ mene me wae
Enti na me serɛ wo sɛ ma kwan mmue
Ma kwan mmue na me hwɛ wo
Awurade (ma kwan mmue)

Agya bue kwan
Ma nipa nyinaa nhu na wɔnka sɛ
Onyame ne me adi no yiye
Agya bue kwan
Ma aso nyinaa nye na wɔnka sɛ
Onyame ne me adi no yiye
Agya me de m'adesoa nyina aba w'anim
Sɛ wo ne ɔsoɛfo pa no o
Me Nyankopɔn ei m'adesoa yi mene me wae
Awurade
Agya me de m'adesoa nyina aba w'anim oh
Sɛ wo ne ɔsoɛfo pa no o
Me Nyankopɔn ei m'adesoa yi mene me wae
Enti na me serɛ wo sɛ bue kwan ma me
Bue kwan ma me oh me Nyankopɔn ei
Awurade ei bue kwan ma me
Bue kwan ma me na me werɛ kyekyerefo ne wo
Me Nyankopɔn ei ma kwan mmue
Agya wo se obia mmaa w'anim
Ɛnsan nkɔ nsapan da
Na sɛ ɔbisa mpataa a,
Wo bɛma no ɔwɔ
Anaasɛ ɔbisa wo aboodoo nso a
Yen Nyankopɔn bɛma no ɔboɔ anaa
Me Nyame ei ma kwan mmue

Awurade ei bue kwan ma me
Osoro boafoɔ ei bue kwan ma me
Me Nyankopɔn ei me hwɛ wo
Awurade ma kwan bue
Agya bue kwan
Ma nipa nyinaa nhu na wɔnka sɛ
Onyame ne me adi no yiye
Agya bue kwan
Ma aso nyinaa nye na wɔnka sɛ
Onyame ne me adi no yiye



Credits
Writer(s): Kwadjo Fosu
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link