Bra

Mm, mmm, oh
Yeah, yeah, mmm, oh-oh-oh, oh-oh, oh-oh, ɔdɔ ei

Mm, me dɔ, ɔdɔ pa bi refrɛfrɛ wo, ɔdɔyɛwu ei
M'ahoma teaa, me dɔ mu kanea, ɛdeɛn na ɛrekɔ?
Ɔdɔ, meretwerɛ wo krataa yi a, kyerɛ sɛ
M'ani agyina, meresu me mu
Me nko ara na meda mpa yi so
Wo ho adwendwen adane daeɛso
Ɛbɛyɛ a, twe mmerɛ no bra akyire, wai?

Ɔdɔ, wote me nka a, ɛyɛ a, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (woakyɛ o)
Kae sɛ wo dɔfo bi resu o, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (woakyɛ ei)
Mabrɛ ne afrɛfrɛ o, mafrɛfrɛ wo akyɛ
Woakyɛ (woakyɛ)
Sɛ woba a bɛpepa m'anim nisuo, na masu akyɛ
(Masu akyɛ o, yeah, yeah, yeah)

Sɛ menam a, 'yɛ a mete wo nne
Medan m'akyi a, mframa mbɔ me
Da biara, mede no mpaebɔ nko ara
Sɛ obi mmɛsa m'akoma yi yareɛ
Baabi a mekɔdaaeɛ no, menkɔda hɔ biom ɛ, sɛɛ daeɛ nko ara
M'ani so tee me a, sɛɛ dan no mu ayɛ dinn
Nti ɔdɔ, me dɔ, ɛnhwɛ w'akyi o, na biribiara nkɔ
All I want is you coming back to me

Ɔdɔ, wote me nka a, ɛyɛ a, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (woakyɛ)
Kae sɛ wo dɔfo bi resu o, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (woakyɛ)
Mabrɛ ne afrɛfrɛ o, mafrɛfrɛ wo akyɛ
Woakyɛ (woakyɛ)
Sɛ woba a bɛpepa m'anim nisuo, na masu akyɛ

Ɔdɔ, ɛnkyɛ ba
'Yɛ a mentumi, 'yɛ a m'akoma retosstosse me
Menkɔ ha anaa menkɔ ha?
Mentumi ntena, anaa memfiri wiase yi mu, na mabrɛ
Me dɔ, ma me sign sɛ woreba o, na merewu
Sɛ woamboa me na Nyame ampata a, ɔbaa, woaha me ei
(Yeah, woaha me o, ɔdɔyɛwu ei)

Bra ntɛm, ɔdɔ bi retwɛn wo o
Yɛ ntɛm (ntɛm bra o), obi dehyeɛ ei, matwɛn abrɛ o (meretwɛn wo o, oh)
Nsuo kyɛ wɔ kokoɔ mu a, ɛpae o
Nti mɛmma me biribi mbɔ me na matwɛn abrɛ o, na awɔsene yi
Woammoa me na Nyame ampata a, ɔbaa, woaha me o (woaha me o)
Mese Obidombie, wo dɔ nti ei, mentumi mfa me dɔ no nsie
Ɔdɔ nhyira no, ma ebi nka me na menya awerɛkyekyerɛ o, me dɔ

Ɔdɔ, wote me nka a, ɛyɛ a, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ, woakyɛ (woakyɛ)
Kae sɛ wo dɔfo bi resu o, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ, woakyɛ (oh-oh, yeah)
Mabrɛ ne afrɛfrɛ o, mafrɛfrɛ wo akyɛ
Woakyɛ, woakyɛ (woakyɛ)
Sɛ woba a bɛpepa m'anim nisuo, na masu akyɛ

Pepa m'anim nisuo, oh, oh
Pepa m'anim nisuo, oh, oh

It's CJ Made It



Credits
Writer(s): Abraham Adjetey Lomoh, Derrick Abaitey
Lyrics powered by www.musixmatch.com

Link